Isaiah 18

Nkɔmhyɛ A Etia Kus


1 Due asase a ntaban nnyigyei wɔ so
wɔ Kus nsubɔnten ho,

2 ɔsoma ananmusifo a wɔnam po so
wɔde paparɔso akorow fa nsu ani.

Monkɔ, asomafo ahoɔharefo,
monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom,
nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,
anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,
na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn.


3 Mo wiasefo nyinaa,
mo a motete asase so,
sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a,
mubehu
sɛ wɔhyɛn torobɛnto a,
mobɛte.

4 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me,
“Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn.
Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,
te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.”

5 Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam no
na nhwiren no anyin adan bobe no,
wɔde asosɔw betwitwa mman no,
wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ.

6 Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaa
a wokum mmoa we ne wuram mmoa;
nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu.
Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu.

7Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awurade ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ,
nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,
aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa,
na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu,

wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no.
Copyright information for TwiAKNA